Amansan Nhyiamu
Daa daa Mmaeɛ bio
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Daa daa Mmaeɛ bio

Yɛhia daa daa ɔsoro hann sɛ ɛkɔ so dondɔn yɛn. Yɛhia “berɛ ma nkanyan.”10 Berɛ ma ankasa mmaeɛ bio.

Yɛaboa yɛn ano saa Homeda anɔpa fɛɛfɛ yi sɛ yɛrekasa afa Kristo ho, adi ahurisie wɔ N’asɛmpa no mu, aboa na yɛasɔ yɛn ho yɛn ho mu berɛ a yɛrenante wɔ yɛn Agyenkwa no “kwan no so” 1

Sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ asafomma no, yɛhyia ma saa botaeɛ yi Homeda biara, wɔ afe no mu nyinaa. Sɛ wonyɛ Asɔre yi asafoba a, yɛde akoma pa ma mo akwaaba da mo ase sɛ moabɛka yɛn ho sɛ yɛbɛsom Agyenkwa no, na yɛasua afiri Ne nkyɛn. Te sɛ mo no, yɛrebɔ mmɔden—ɛwɔ mu sɛ yɛnwie pɛ yɛ—sɛ yɛbɛyɛ nnamfonom, ayɔnkofoɔ, ne nnipa papa, 2 na yɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ yei nam Yesu Kristo nhwɛsoɔ so.

Mfoni
Agyenkwa Yesu Kristo

Yɛwɔ anidasoɔ sɛ mobɛtumi ate yɛn nokorɛ adansedie nka. Yesu Kristo te ase! Ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ no Ba no, na Ɔkyerɛ nkɔmhyɛfoɔ kwan wɔ asase so yɛn nna yi mu. Yɛto nsa frɛ obiara sɛ wɔmmra, mmɛtie Onyankopɔn asɛm, na wɔnya ne papayɛ mu kyɛfa! Medi me ankasa adanseɛ sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn ntam na nokorɛ mu Ɔbɛtwe abɛn obiara a ɔtwe bɛn no. 3

Yɛsusu sɛ ɛyɛ anidie sɛ yɛne mo renante wɔ Owura no kwan hiahia ne teatea a ɛyɛ asuafoyɛ no so.

Nyansa a wɔde nante wɔ ɔkwan a ɛyɛ tee so

Nsɛm a wɔtaa ti mu bi wɔ hɔ a ɛka sɛ nkorɔfoɔ a wɔayera no nante kanko mu twa wɔn ho hyia. Ɛnkyɛree biara, na nyansahufoɔ a wɔwɔ Max Planck Institute ma Biological Cybernetics sɔɔ saa asɛm yi hwɛɛe. Wɔfaa ɔhofamafoɔ kɔɔ kwaeɛbirentuo bi mu na wɔmaa wɔn akwankyerɛ tiawa bi: “Nante wɔ ɔkwan tee so.” Na asase ahyɛnso biara nni hɔ Na ɛwɔ sɛ sɔhwɛfoɔ no de wɔn ho to wɔn atenka nko ara so ma ɛkyerɛ wɔn kwan

Sɛn na wodwene sɛ wɔyɛɛe?

Nyansahufoɔ no wiee sɛ “Nokorɛ mu nkorɔfoɔ nante [yɛ] no kanko so berɛ a wɔnni nnyinasodeɛ nanteɛ kyerɛpɛn a wɔde wɔn ho to so.” 4 Wɔbisaa wɔn akyire yi no, ahofamafoɔ no bi de ahotosoɔ kaa sɛ wɔantwe wɔn ho ammfiri so ketewa bi mpo. Ɛmfa ho ne wɔn ahotosoɔ a ɛwɔ soro, GPS nhwehwɛmu kyerɛɛ sɛ wɔnantee wɔ kanko mu a ntwemu yɛ meta 20.

Adɛn na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛnante wɔ kwan ntentensoɔ so? Nhwehwɛmufoɔ binom susuui sɛ saa adeɛ ketewa yi, asase mmaneɛ a wohwɛ a ɛho nhia yi de nsonsonoeɛ ba. Afoforɔ ada saa asɛm yi adi sɛ, yɛn nyinaa wɔ nan baako a ebi wɔ ahoɔden kakra kyɛn ɔfoforɔ deɛ. Mmom “yɛgye di kɛse” sɛ, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛnante ntentensoɔ “[ɛfiri sɛ] yɛnnim dodoɔ fa baabi a ntentensoɔ wɔ.” 5

Sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛyɛ nipasu: sɛ yɛnni ahotosoɔ ahyɛnsodeɛ a, yɛtwe yɛn ho firi ɔkwan no so.

Remane firi ɔkwan no so.

Ɛnyɛ nwanwa sɛ adeɛ ketewa a wohwɛ a ɛho nhia tumi yɛ nsonsonoeɛ kɛseɛ wɔ yɛn asetena mu?

Menim yei firi me ankasa me suahunu mu sɛ ewiemhyɛnkani. Berɛ biara a ɛbɛyɛ sɛ mɛbɛn wiemhyɛn gyinabea no, menim sɛ m’adwuma dodoɔ a aka no bɛgyina sɛ mɛyɛ kwan so nsiesie nketenkete sɛdeɛ mɛdane wiemhyɛn no dwoodwoo akɔ sɛdeɛ yɛpɛ sɛ ɛsi fam wɔ ne kwan no so.

Wobɛtumi anya suahunu bi a ɛte sɛ wei berɛ a woreka kaa bi. Mframa, ɔkwan so basabasayɛ, kɔba nhyehyɛeɛ a ɛnwie pɛyɛ—merenka kaa twifoɔ bi nneyɛɛe—ne nyinaa bɛtumi apia wo afiri ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so. Woanyɛ aso amma saa nneɛma yi a, ɛbɛtumi awie dabɔne ama wo. 6

Mfoni
Kaa wɔ dodoɔ mu

Yei yɛ yɛn ho adwuma honam mu.

Ɛsan nso yɛ yɛn ho adwuma honhom mu.

Nsesaeɛ dodoɔ no ara wɔ yɛn honhom mu asetena —ne papa ne bɔne mu no—di dwuma nkakrankakra, ɛtu anammɔn brɛ ano brɛ ano. Te sɛ ahofamafoɔ wɔ Max Planck asuadeɛ mu no, yɛrentumi nhunu berɛ a yɛmane firii ɔkwan no so. Mpo yɛbɛtumi anya ahotosoɔ kɛseɛ sɛ yɛrenante tee. Nanso asɛm no ne sɛ yɛanya mmoa ammfiri asase ahyɛnso so amma ankyerɛ yɛn kwan a, sɛdeɛ ɛteɛ biara yɛmane firi ɔkwan no so na yɛwie wɔ mmeammea a yɛannwene ho da sɛ yɛbɛkɔ.

Yei yɛ nokorɛ ma ankorankorɛ biara. Ɛsan nso yɛ nokorɛ ma manmufoɔ ne aman. Nhwɛsoɔ ahyɛ twerɛsɛm no ma.

Atemmufoɔ nwoma no amanneɛbɔ ka sɛ, akyire yi a Joshua wuui no, “awoɔ ntoatoasoɔ bi sɔree a na wɔnnim Awurade, anaa mpo nnwuma a wayɛ ama Israel.” 7

Ɛmfa ho ne ɔsoro mmoa nwanwasoɔ, ɔsoro nsrahwɛ, ɔgyeɛ, ne Israel mma nkonimdie nwanwasoɔ a wɔdiiɛ wɔ Mose ne Joshua aberɛ so, a awoɔ ntoatoasoɔ bi mu no nkorɔfoɔ no twa gyaa Ɔkwan no na wɔhyɛɛ aseɛ nantee sɛdeɛ wɔn ankasa pɛ teɛ. Na hwɛ, ammfa berɛ tenten bi na wɔtuaa wɔn nneyɛɛ ho ka.

Ɛtɔ da a saa ɔwaeɛ yi fa awoɔ ntoatoasoɔ. Ɛtɔ da a ɛsi wɔ mfeɛ mu anaa mpo abosome mu. 8 Nanso ɛnya yɛn nyinaa so nkɛntɛnsoɔ. Ɛmfa ho ne sɛdeɛ yɛn honhom mu suahunu ahoɔden teɛ berɛ a atwa mu no, sɛ yɛyɛ nnipa yi yɛtaa fom kwan. Saa ara na yei ayɛ nhwɛsodeɛ firi Adam ne Hawa nna mu abɛsi seesei no.

Ɛha ne Nkrasɛm Papa no

Mmom biribiara nyeraae. Ɛnte sɛ sɔhwɛ nkorɔfoɔ a wɔrekyinkyini no, yɛwɔ ahotosoɔ asase ahyɛnso a yɛhunu a yɛbɛtumi de abu yɛn kwan no ho akonta.

Na deɛn ne saa asase ahyɛnso yi?

Nokorɛ mu wɔka daa daa mpaebɔ ne twerɛsɛm no nsusuho ho, ne sɛ wode nkanyan adwinneɛ bi te sɛ Bra, Di Makyiridi dwuma. Dabiara, yɛbɛtumi akɔ Onyankopɔn ahennwa no anim wɔ ahobrɛaseɛ ne nokorɛdie mu. Yɛbɛtumi adwene yɛn nneyɛɛ ho na yɛahwehwɛ yɛn da no mmerɛ mu—asusu yɛn pɛ ne ahwehwɛdeɛ wɔ Ne deɛ mu. Sɛ yɛatwe yɛn ho afiri mu a, yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnsan nnye yɛn, na yɛbɛhwɛ sɛ yɛbɛyɛ papa.

Mfoni
Agyenkwa no di Ne nnwan anim

Saa suban nhwehwɛmu berɛ yi yɛ akwanya ma yɛn sɛ yɛkɔ yɛn anim. Ɛyɛ nsusuho berɛ a yɛdwene yɛn abrabɔ ho a yɛbɛtumi ne Awurade anante na wama yɛn akwankyerɛ, anya nkyerɛkyerɛ, na yɛn Soro Agya asɛm no a honhom ada no adi a wɔatwerɛ no ate yɛn ho. Ɛyɛ kronkron berɛ a yɛkae yɛn nokorɛ apam sɛ yɛbɛdi mmɔborɔhunufoɔ Kristo akyiri, berɛ a yɛsusu yɛn kan kɔ na yɛde yɛn ho toto honhom mu asase ahyɛnso a Onyankopɔn asiesie ama Ne mma ho.

Dwene ho sɛ wo ankasa daa daa mmaeɛ bio. Wɔ yɛn akwantuo mu sɛ kronkronbea kɔ akwantufoɔ wɔ animuonyam kwan so no, yɛnim sɛdeɛ ɛyɛ mmrɛ sɛ yɛhwe ase firi mu. Nanso sɛdeɛ nneɛma nkumaa tumi twe yɛn firi Agyenkwa no Kwan so no, saa ara na nneyɛɛ nketewa na ɛyɛ mmrɛ a yɛde yɛn ho to so no de yɛn san ba nokorɛ mu. Sɛ esum wia ne ho wura yɛn asetena mu, sɛdeɛ ɛtaa yɛ no a, yɛn daa daa mmaeɛ bio bue yɛn akoma ma ɔsorosoro hann, a ɛhyerɛn yɛn kra mu, pamo sunsum, ehu ne akyinnyegyeɛ.

Hankra Ketewa, Ɛhyɛn Kɛseɛ

Sɛ yɛhwehwɛ a, nokorɛ mu “Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so de nimdeɛ bɛma [yɛn], aane, nam Sunsum Kronkron no akyɛdeɛ a wontumi nkyerɛmu no so.” 9 Mprɛ dodoɔ a yɛbisa no, Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn Kwan no, aboa yɛn sɛ yɛbɛdi so.

Yei, mmom, hia mmɔdemmɔ a ɛyɛ pintinn wɔ yɛn afa mu. Yɛntumi mmfa honhom mu suahunu a atwa mu mma yɛn bo nntɔ yɛn yam. Yɛhia daadaa honhom mu suahunu

Yɛntumi mfa yɛn ho nnto afoforɔ adansedie so afebɔɔ. Ɛsɛ sɛ yɛkyekyere yɛn ankasa yɛn deɛ.

Yɛhia daa daa ɔsoro hann sɛ ɛkɔ so dondɔn yɛn.

Yɛhia “berɛ ma ahome.” 10 Berɛ ma ankasa mmaeɛ bio.

“Asuo a ɛretene” rentumi nkyɛre sɛ “ɛyɛ efi.” 11 Sɛ yɛn nsusuiɛ ne nneyɛɛ ho bɛte no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tene!

Ne nyinaa akyiri, asɛmpa no Mmaeɛ bio ne Asɔre no ɛnyɛ adeɛ a ɛsii prɛko na ɛtwaa mu. Ɛyɛ nneyɛɛ a ɛkɔ so—da baako ne ne berɛ, akoma baako ne ne berɛ.

Sɛdeɛ yɛn nna kɔ no, saa ara na yɛn asetena kɔ. Ɔtwerɛfoɔ baako kaa no kwan sei so: “Da baako te sɛ nkwa nna nyinaa. Wohyɛ aseɛ yɛ adeɛ baako, nanso wowie a woreyɛ adeɛ foforɔ, wohyehyɛ sɛ worekɔ baabi, nanso woannuru hɔ da. … Wo nkwa nna awieɛ no, wo asetena nyinaa nya saa suban basaa korɔ no ara bi. Wo nkwa nna nyinaa ayɛ hwɛbea korɔ te sɛ da baako.” 12

Wopɛ sɛ wosesa wo nkwa hwɛbea?

Sesa sɛdeɛ wo da hwɛbea teɛ.

Wopɛ sɛ wosesa wo da ?

Sesa saa dɔnhwere yi.

Sesa deɛ wodwene, nka a woteɛ, ne deɛ woyɛ saa berɛ yi ara mu.

Hankra ketewa tumi danedane ɛhyɛn kɛseɛ. 13

Ntayaa nketewa tumi bɛyɛ ofikɛseɛ fɛfɛɛfɛ.

Aba nketewa tumi bɛyɛ nnua akɛseɛ atenten.

Sima ne dɔnhwere a ɛdii dwuma yie no na ɛyɛ ntayaa a wɔde sii asetena a wɔdii no yie. Wɔtumi kanyan papayɛ, pagya yɛn firi tebea a ɛmma yɛn nwie pɛyɛ mu, na ɛdi yɛn anim de yɛn foro kɔ ɔgyeɛ kwan so a ɛma bɔne fafiri ne ahoteɛ.

Ahyɛaseɛ Foforɔ Nyankopɔn

Meka wo ho no, mema m’akoma so wɔ ayɛyie mu ma saa akyɛdeɛ fɛɛfɛ ma nkwanya foforɔ, ɔbra foforɔ ne anidasoɔ foforɔ

Yɛma yɛn nne so wɔ ayɛyie mu ma yɛn Nyankopɔn a ɔma dodoɔ na ɔde kyɛ no. Ɛfiri sɛ nokorɛ mu, Ɔyɛ Onyankopɔn ma ahyɛaseɛ foforɔ. The sublime end of all His labor is to help us, His children, succeed in our quest for immortality and eternal life. 14

Yɛbɛtumi abɛyɛ abɔdeɛ foforɔ wɔ Kristo mu, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ, “Mprɛ dodoɔ a me nkorɔfoɔ sakyera no mede wɔn mfomsoɔ a wɔyɛ tia me no bɛkyɛ wɔn” 15 na “merenkae ɛnonom bio.” 16

Me dɔfo pa nnuammarima ne mmaa, ayɔnkofoɔ pa, yɛn nyinaa yera berɛ ano berɛ ano.

Nanso yɛbɛtumi asan aba kwan no so bio. Yɛbɛtumi atwa yɛn kwan no hankra afa saa asetena yi mu esum ne nsɔhwɛ mu na yɛahunu kwan asan akɔ yɛn dɔfoɔ Soro Agya no nkyɛn, sɛ yɛhwehwɛ na yɛpene honhom mu asase ahyɛnso a Ɔde ama no so, gye yɛn ankasa adiyie to mu, ne sɛ yɛpere ma daa daa mmaeɛ biono. Sei na yɛba bɛyɛ yɛn dɔfo pa Agyenkwa, Yesu Kristo nokorɛ asuafoɔ no.

Sɛ yɛyɛ saa a, Onyankopɔn bɛsere wɔ yɛn so. “Awurade … bɛhyira mo wɔ asase a Awurade mo Nyankopɔn de ma mo no so. Awurade bɛma mo ase atim ayɛ nkorɔfoɔ kronkron ama ne ho.” 17

Sɛ yɛbɛhwehwɛ daa daa mmaeɛ bio na yɛakɔ so apere sɛ yɛbɛnante wɔ Yesu Kristo Kwan so ne me mpaebɔ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Mene ɔkwan, nokorɛ, ne nkwa no” (Yohane 14:6). The NIV First-Century Study Bible ɛkura saa nkyerɛmu yi: “The image of a path or way in the Hebrew Bible often stood for keeping the commandments or teachings of God [see Nnwom 1:1; 16:11; 86:11]. This was a common ancient metaphor for active participation in a set of beliefs, teachings or practices. The Dead Sea Scrolls community called themselves followers of ‘the way,’ by which they meant they were followers of their own interpretation of the path that pleased God. Paul and the first Christians also called themselves ‘follower[s] of the Way’ [see Asomafoɔ 24:14]” (in “What the Bible Says about the Way, the Truth, and the Life,” Bible Gateway, biblegateway.com/topics/the-way-the-truth-and-the-life).

    In 1873, an ancient book titled the Didache was discovered in the library of the patriarch of Jerusalem at Constantinople. Many scholars believe it was written and used in the late first century (AD 80–100). The Didache begins with these words: “Two ways there are, one of life and one of death, but there is a great difference between the two ways. The way of life, then, is this: First, thou shalt love the God who made thee; secondly, thy neighbor as thyself” (Teaching of the Twelve Apostles, trans. Roswell D. Hitchcock and Francis Brown [1884], 3).

    Other sources, such as The Expositor’s Bible Commentary, point out that “during the early existence of the church, those who accepted Jesus’ messiahship and claimed him as their Lord called themselves those of ‘the Way’ [see Asomafoɔ 19:9, 23; 22:4; 24:14, 22]” (ed. Frank E. Gaebelein and others [1981], 9:370).

  2. Hwɛ Mosaya 2:17.

  3. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:63.

  4. “Renante wɔ kanko mu,” Ɔsannaa 20, 2009, Max-Planck-Gesellschaft, mpg.de.

  5. “Renante wɔ kanko mu,” mpg.de. Saa mfonini yi kyerɛ GPS nhyehyɛeɛ afidie a ɛrehwɛ ahofamafoɔ no wɔ asuadeɛ no mu. Wɔn mu mmiɛnsa nantee wɔ da a na ɛyɛ wisiwisi. Wɔn mu baako (SM) hyɛɛ aseɛ nantee berɛ a na suwisie akata awia no so, nanso sima 15 akyiri no, suwisie no te pansamooe, na ahofamafoɔ no tumi hunuu awia no nyinam. Hwɛ sɛdeɛ ɛteɛ, berɛ a awia no pueei no ɔnantefoɔ no tumi nantee yie pa ara wɔ ntentensoɔ.

  6. Awerɛhosɛm nhwɛsoɔ baako fa sɛdeɛ ɔkwan mu mfomsoɔ nnuruiɛ mmienu kwa, maa hyɛntiafoɔ ammirika tɛntɛ wiemhyɛn kɔhwee Mount Erebus mu wɔ Antarctica, kumm nkorɔfoɔ killing 257, hwɛ Dieter F. Uchtdorf, “A Matter of a Few Degrees,” Liahona, Kɔtɔnimma 2008, 57–60.

  7. Atemmufoɔ 2:10.

  8. Kristo nsra kɔɔ America akyire yi no, nokorɛ mu nkorɔfoɔ no sakyera firii wɔn bɔne ho, nyaa asubɔ, na wɔgyee Sunsum Kronkron no. Baabi a berɛ bi na wɔyɛ nkorɔfoɔ ntɔkwapɛfoɔ ne ahomasoɔ no, seesei “aperedie ne ntɔkwasɛm nni wɔn ntam, na onipa biara ne ne nua di no tenenee mu” (4 Nifae 1:2). Saa teneneeyɛ berɛ yi dii bɛyɛ afeha mmienu ansa na ahomasoɔ rehyɛ aseɛ ahyɛ ama nkorɔfoɔ adane afiri Ɔkwan no so. Mmom, honhom mu yera nso tumi si ntɛm pa ara. Ɛyɛ nhwɛsoɔ no, berɛ tenten a atwam no, wɔ mfeɛ 50 wɔ atemmufoɔ no ahennie mu wɔ Mormon Nwoma no mu, “asomdwoeɛ ne anigyeɛ kɛseɛ toaa so” baa nkorɔfoɔ no ntam. Nanso ɛnam ahomasoɔ a ɛbaa Asɔremma no akoma mu nti, mfeɛ nan akyiri berɛ tiawa bi mu no, “akasakasa bebree baa asɔre no mu, na aperedie nso baa nkorɔfoɔ no ntam, ara maa mogyakaguo pii baae”(hwɛ Helaman 3:32–4:1).

  9. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:26

  10. Asomafoɔ Nnwuma 3:19

  11. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:33

  12. Michael Crichton, Jurassic Park (2015), 190.

  13. “Fa ahyɛn sɛ nhwɛsoɔ. Ɛwom sɛ wɔsoso pa ara na ahum pia wɔn, nanso wɔde hankra ketewa bi na ɛdanedane no kɔ baabiara a ɔhyɛnkafoɔ no pɛ sɛ ɛkɔ” (Yakobo 3:4; New International Version).

  14. Hwɛ Moses 1:39

  15. Mosaya 26:30

  16. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:42

  17. Deuteronomium 28:8–9hwɛ nso nkyekyɛmu 1–7