2022
Gyina pintinn wɔ Ahum no mu
Kɔtɔnima 2022


“Gyina pintinn wɔ Ahum no mu,” De ma Mmabunu Ahoɔden, Kɔtɔnima 2022.

Bosome bosome Laehona Nkrasɛm, Kɔtɔnima 2022

Gyina pintinn wɔ Ahum no mu

Nyifirimu

Mfoni
hann fidua

Yɛn mu bi a yɛdwene yɛn ne yɛn adɔfoɔ ho no, anidasoɔ wɔ hɔ ma bɔhyɛ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ dwanekɔbea ma ahum a ɛwɔ anim no.

Ɔhene Benyamin nkɔmhyɛ nsɛm no yɛ adwuma wɔ yɛn mmerɛ yi mu.

Ɔtoo ne nsa frɛɛ ne nkorɔfoɔ ne yɛn sɛ yɛnsi banbɔ boɔ a ɛyɛ nokorɛ, a ɔno ne Agyenkwa no. Ɔdaa no adi pefee sɛ yɛde yɛn ho sɛ yɛfa papa ne bɔne mu deɛ yɛpɛ na afei yɛntumi nkwati yɛn pɛ no ho nsunsuansoɔ.

Yɛn yɛbea no sesa bɛyɛ te sɛ abɔfra ketewa, yɛ setie ma Onyankopɔn na yɛnya ɔdɔ bebree. Saa nsakraeɛ no ma yɛfata akyɛdeɛ a ɛfiri Sunsum Kronkron hɔ ba. Yɛnya Honhom no ayɔnkofa a ɛbɛkyekyere werɛ, akyerɛ kwan, na ahyɛ yɛn den.

Sɛ abrabɔ mu ahum bɔ a, wobɛtumi agyina pitinn ɛfiri sɛ wogyina wo gyidie a ɛwɔ Yesu Kristo mu botan so. Saa gyidie no de wo bɛkɔ daadaa adwensakra mu ne apam so die ntoatoasoɔ mu. Afei wobɛkae No berɛ biara. Na wɔ ɔtan ne atirimuoɔden ahum so, wobɛte pintinnyɛ ne anidasoɔ nka.

Te sɛ abɔfra a ɔwɔ ɔdɔ na n’akoma abubuo no, gye Ne mmoa. Yɛ na di apam a wɔde kyɛ wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu no so. Wɔbɛhyɛ wo den. Agyenkwa no nim ahum no ne dwanekɔbea wɔ ɔkwan a wɔde kɔ fie wɔ Ɔne yɛn Soro Agya nkyɛn. Ɔnim ɔkwan no. Ɔno ne Ɔkwan no.