2023
Yesu Kristo Nkyerɛkyerɛ
Kɔtɔnima 2023


Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Kɔtɔnima 2023

Yesu Kristo Nkyerɛkyerɛ no

Nyifirimu

Mfoni
ɛban ho mfoni

Sɛnea nkɔmhyɛni Nifae kyerɛkyerɛɛ yɛn no, ɛsɛ sɛ “yɛdi Kristo nsɛm so; ɛfiri sɛ hwɛ, Kristo nsɛm bɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ.”1 Me nkrasɛm ɛnnɛ yɛ deɛ mayiyi afiri yɛn Agyenkwa no nsɛm mu—deɛ Ɔno kaeɛ

“[Mmaransɛm kɛseɛ a ɛwɔ mmara no mu yɛ yei:] Fa w’akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn.

“Yei ne mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛdi kan.

“Na deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”

“Wɔ saa mmransɛm mmienu yi so na mmara ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa gyina.”2

Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ monwɛn na mommɔ mpaeɛ da biara, ama ɔbonsam no ansɔ mo anhwɛ, na wɔamfa mo ankɔ nnommum mu.”3

“Enti, biribiara a mobɛyɛ no, monyɛ no me din mu; ɛno nti mobɛfrɛ asɔre no wɔ me din mu.”4

“Afei yei ne mmaransɛm no: Monsakyera, mo a mowɔ asase ano nyinaa , na mommra me hɔ na wɔmmɔ mo asu wɔ me din mu, ama Sunsum Kronkron no a mobɛnya no atumi ate mo ho, ama moatumi agyina m’anim wɔ da a ɛtwa toɔ no mu a nkekaawa biara nni mo ho.”5

Yɛgye Kristo di. Mede deɛ Ɔka faa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛhunu na yɛdi Ne nkyerɛkyerɛ akyi no bɛwie:

“Nanso Ɔwerɛkyekyefoɔ no, a ɔyɛ Sunsum Kronkron no, a Agya no bɛsoma no wɔ me din mu no, ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa , na ɔbɛkae mo nneɛma a maka akyerɛ mo no nyinaa.”6